1“Siane kɔ, tena mfuturo mu,
Ɔbabaa bunu Babilonia;
tena fam. Worentena ahennwa so bio,
Ɔbabaa Babiloniafoɔ.
Wɔremfrɛ wo bio sɛ,
ɔbaabereɛ a wɔkorɔkorɔ no bio.
2Fa owiyammoɔ na yam esiam;
yi wo nkatanimu no.
Pagya wʼatadeɛ kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ,
na fa nsuwansuwa no mu.
3Wʼadagya bɛda adi
na wʼanimguaseɛ so renkata.
Mɛtɔ were;
memfa obiara ho nkyɛ no.”
4Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din,
ɔno ne Israel Kronkronni.
5“Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu,
Ɔbabaa Babilonia;
wɔremfrɛ wo bio sɛ
ahennie ahodoɔ so hemaa.
6Me bo fuu me nkurɔfoɔ,
na meguu mʼagyapadeɛ ho fi;
mede wɔn hyɛɛ wo nsa,
na woanhunu wɔn mmɔbɔ.
Nkɔkoraa koraa mpo
wosoaa wɔn kɔnnua duruduru.
7Wokaa sɛ, ‘Mɛkɔ so daa,
ayɛ ɔhemmaa afebɔɔ.’
Nanso woannwene saa nneɛma yi ho
na woansusu deɛ ɛbɛtumi asie ho.
8“Afei tie, wo odwamanfoɔ,
woredwodwo wo ho wɔ wo banbɔ mu
na woka kyerɛ wo ho sɛ,
‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me.
Merenyɛ okunafoɔ da
na merenni abawuo.’
9Saa nneɛma mmienu yi bɛto wo
prɛko pɛ, dakoro pɛ:
abawuo ne kunayɛ.
Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara,
wʼabayisɛm bebrebe yi
ne ntafowayie a emu yɛ den nyinaa akyi.
10Wode wo ho ato wʼamumuyɛ so
na waka sɛ, ‘Obiara nhunu me.’
Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan
ɛberɛ a woka kyerɛ wo ho sɛ,
‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’
11Amanehunu bɛto wo,
na worenhunu ɛkwan ko a wobɛfa so ayi afiri hɔ.
Ɔhaw bi bɛba wo so
a worentumi mfa mpatadeɛ nyi mfiri hɔ;
atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo
bɛba wo so mpofirim.
12“Kɔ so yɛ wo ntafowayie
ne wʼabayisɛm bebrebe
a wode adi dwuma firi wo mmɔfraase no.
Ebia wobɛdi nkonim,
ebia wode ehu bɛba.
13Woabrɛ wɔ afotufoɔ bebrebe a woanya no mu!
Ma wo nsoromma ho anyansafoɔ mmra anim,
wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no ka deɛ ɛreba bosome biara mu no,
ma wɔnnnye wo mfiri deɛ ɛreba wo so no mu.
14Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia;
ogya bɛhye wɔn.
Na wɔntumi nnye wɔn ankasa ho
mfiri egyadɛreɛ ano den no ho.
Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye;
ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.
15Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no,
yeinom na wo ne wɔn abrɛ
na wo ne wɔn anante firi mmɔfraase.
Wɔn mu biara afa ne kwan;
ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛtumi agye woɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
