Galatifoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuSaa krataa yi nso, Paulo na ɔtwerɛ kɔmaa Akristofoɔ a wɔwɔ Galati. Na ebinom ka sɛ ansa na obi bɛyɛ Okristoni kann no, ɛsɛ sɛ ɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so ketee. Paulo twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Galatifoɔ no kyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ woyɛ Okristoni a, na ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi Yudafoɔ ne Mose Mmara so ketee. Na mmom, Kristosom gyina gyidie a onipa wɔ wɔ Kristo mu no so, na Kristo nko so na yɛnam bɛtumi ne Onyankopɔn ayɛ baako. Afei, ɔkyerɛɛ wɔ saa krataa yi mu sɛ, ɛsɛ sɛ Okristoni abrabɔ da ɔdɔ adi. Ɔdɔ yi firi gyidie a yɛnya wɔ Kristo mu no. Ɔkaa hia a ɛhia sɛ wɔtena ase wɔ asetena a honhom ahyɛ no ma no mu.Emu NsɛmNkyea ne nnianimu (1.1-10)Paulo anisoadehunu bi (1.11–2.21)Gyidie pa ho nkyerɛkyerɛ (3.1–4.31)Deɛ ɛdi Kristo mu ahofadie akyi (5.1–6.10)Nsɛnka a ɛtwa toɔ (6.11-18)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help