Yesaia 50 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Israel Amumuyɛ Ne Ɔsomfoɔ No Osetie

1Sei na Awurade seɛ:

“Wo maame awaregyaeɛ ho adansedie nwoma

a megyinaa so gyaa no ɛkwan no wɔ he?

Anaa sɛ mʼadefirifoɔ mu hwan

na metɔn wo maa noɔ?

Wo bɔne enti na wɔtɔn wo;

Wʼamumuyɛ enti na wɔpamoo wo maame.

2Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni hɔ?

Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ?

Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye wo anaa?

Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa?

Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we,

medane nsubɔntene anweatam

emu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya enti

na osukɔm kumm wɔn.

3Mede esum fira ɔsoro

na mema ayitoma yɛ ne nkataho.”

4Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma

sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den.

Ɔnyane me anɔpa biara,

na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.

5Otumfoɔ Awurade abue mʼaso

na menyɛɛ otuatefoɔ;

na mensanee mʼakyi.

6Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me,

na mede mʼafono maa wɔn a wɔtutu mʼabɔgyesɛ.

Mamfa mʼanim ansie wɔn

fɛdie ne ntasuteɛ ho.

7Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me enti,

wɔrengu mʼanim ase.

Enti na mayɛ mʼanim sɛ twerɛboɔ,

na menim sɛ mʼanim rengu ase.

8Deɛ ɔbu me bem no abɛn.

Enti hwan na ɔbɛbɔ me kwaadu?

Ɔmmra na yɛnhyia mu!

Hwan na ɔbɔ me soboɔ?

Ma ɔnka nsi mʼanim!

9Asafo Awurade na ɔboa me.

Hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ?

Wɔn nyinaa bɛtete sɛ atadeɛ;

nnweweboaa bɛwe wɔn.

10Mo mu hwan na ɔsuro Awurade,

na ɔdi ne ɔsomfoɔ asɛm so?

Ma deɛ ɔnam esum mu,

deɛ ɔnni hann no,

ɔnnye Awurade din nni

na ɔmfa ne ho nto ne Onyankopɔn so.

11Na afei, monhwɛ yie, mo a monante

mo ankasa hann mu,

mo a mode ogya a mo ankasa asɔ ka mo ho hye,

Yei ne deɛ mobɛnya afiri me nsa mu;

mobɛhwe ase adeda fam wɔ ɔyea mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help