1Ao Awurade, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo.
Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa.
2Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu.
Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni.
3Mʼatamfoɔ sane wɔn akyi;
wɔtete hwe, na wɔwuwu wɔ wʼanim.
4Woadi mʼasɛm ama me, na mɛnya mʼahofadie;
woatena wʼahennwa so, abu atɛntenenee.
5Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ.
Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.
6Ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ ato ɔtamfoɔ no,
woatutu wɔn nkuropɔn;
na wɔnnkae wɔn bio mpo.
7 Awurade di ɔhene daa daa;
wasi nʼatemmuo ahennwa.
8Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn;
ɔde atɛntenenee bɛdi nnipa no so.
9 Awurade yɛ dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,
ɔyɛ abandenden wɔ ahohia mmrɛ mu.
10Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,
ɛfiri sɛ, wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
11Monto ayɛyie dwom mma Awurade a ɔte ahennwa so wɔ Sion;
mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu.
12Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no;
ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so.
13Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me!
Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano,
14na matumi apae mu aka wʼayɛyie
wɔ Ɔbabaa Sion apono ano
na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu.
15Aman amanmufoɔ atɔ amena a wɔatu no mu;
afidie a wɔsum hintaaeɛ no ayi wɔn nan.
16 Awurade atɛntenenee da no adi;
amumuyɛfoɔ nsa ano adwuma ayi wɔn.
17Amumuyɛfoɔ sane kɔ damena mu,
amanaman a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa.
18Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani,
anaa sɛ mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera korakora.
19Sɔre! Ao Awurade, mma ɔdasani nni nkonim,
bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim.
20Hunahuna wɔn, Ao Awurade;
na ma wɔnhunu sɛ, wɔyɛ adasamma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
