Yesaia 30 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Monnue Ɔman Asoɔdenfoɔ

1“Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,”

sɛi na Awurade seɛ,

“Wɔn a wɔde nhyehyɛeɛ a ɛmfiri me yɛ adwuma,

na wɔyɛ apam a ɛmfiri me honhom mu,

na wɔboaboa bɔne ano;

2wɔn a wɔkɔ Misraim

a wɔmmisa me ansa.

Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn.

Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea,

3nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo.

Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo.

4Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soan

na wɔn ananmusifoɔ aduru Hanes deɛ,

5nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase

nnipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti.

Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma,

na mmom animguaseɛ ne ahohora.”

6Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho:

wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so,

deɛ agyata ne agyatabereɛ,

ananka ne awɔ a wɔn ho yɛ herɛ wɔ.

Ananmusifoɔ no de wɔn ahonyadeɛ soa mfunumu

ne wɔn ademudeɛ wɔ nyoma afu so,

de kɔ saa ɔman a ne ho nni mfasoɔ no so,

7de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ.

Enti mefrɛ no

Rahab, deɛ Ɔnka Hwee.

8Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn

krukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ so

sɛdeɛ nna a ɛreba no mu no

ɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

9Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ,

mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ.

10Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ,

“Monnhunu mo ani so adeɛ bio!”

ne adiyifoɔ no nso sɛ,

“Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio!

Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn,

monhyɛ nnaadaa nkɔm.

11Momfiri saa tempɔn yi so,

mommane mfiri saa kwan yi ho

na monnyae Israel Kronkronni

a mode no ha yɛn yi!”

12Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ:

“Esiane sɛ moapo saa nkra yi,

na mode mo ho ato nhyɛsoɔ

ne nnaadaa so enti,

13saa bɔne yi bɛyɛ sɛ

ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea

na ɛbu mpofirim, ama mo.

14Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo.

Ɛbɛyam pasaa a

esini koraa renka a

wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu

anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.”

15Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ:

“Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ;

kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ,

nanso, morennya emu biara.

16Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’

Enti mobɛdwane!

Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’

Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ!

17Apem bɛdwane

ɔbaako ho hu nti;

baanum ho hu enti

mo nyinaa bɛdwane akɔ,

kɔsi sɛ wɔbɛgya mo

te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi,

te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.”

18Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;

ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.

Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn.

Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

19Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ.

20Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.

21Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.”

22Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.”

23Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ.

24Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu.

25Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so.

26Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no.

27Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba,

ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn;

abufuo ahyɛ nʼanom ma,

na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma.

28Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm,

na ɛforo kɔdeda kɔn mu.

Ɔwoso aman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneɛ so;

ɔde nnareka a ɛma wɔfom ɛkwan

hyehyɛ nnipa no nnyepi.

29Na mobɛto dwom

te sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no;

mo akoma bɛdi ahurisie

te sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn foro

kɔ Awurade bepɔ no so

kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.

30 Awurade bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne,

na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresiane

na ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma,

osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba.

31 Awurade nne bɛdwerɛ Asiria;

ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam.

32 Awurade bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,

na ɛberɛ biara a ɔbɛbɔ wɔn no

ɛbɛyɛ sɛdeɛ akasaeɛ ne sankuten so nnwontoɔ korɔ.

33Wɔasiesie Topet dadaada;

wɔayɛ no krado ama ɔhene no.

Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree

wɔ ne ogya amena no a emu dɔ na ɛtrɛ no mu;

Awurade ahome a

ɛte sɛ sɔfe asutene no

bɛsɔ mu ogya.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help