1Mema wo so, Ao Awurade,
ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu mu
na woamma mʼatamfoɔ ansere me.
2Ao Awurade me Onyankopɔn, mesu frɛɛ wo sɛ boa me
na wosaa me yadeɛ.
3Ao Awurade, woyii me firii damena mu;
wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amena mu.
4Monto ayɛyie nnwom mma Awurade;
mo a moyɛ nʼahotefoɔ!
Monkamfo ne din kronkron no.
5Nʼabufuo nkyɛre,
na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa;
agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo,
nanso ahosɛpɛ bɛba anɔpa.
6Metee nka sɛ mewɔ banbɔ no, mekaa sɛ,
“Merenhinhim da.”
7Ao Awurade, woyɛɛ me adom no
womaa me bepɔ gyinaa pintinn
na wode wʼanim hintaa me no,
me bo tuiɛ.
8Wo, Awurade na mefrɛɛ woɔ;
wo hɔ na mesu mesrɛɛ mmɔborɔhunu sɛ:
9“Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me sɛeɛ ho,
sɛ mɛkɔ amena mu?
Mfuturo bɛyi wo ayɛ anaa?
Ɛbɛpae mu aka wo nokorɛdie anaa?
10Tie me, Ao Awurade, na hunu me mmɔbɔ!
Ao Awurade, yɛ me ɔboafoɔ.”
11Wodanee mʼagyaadwotwa yɛɛ no asa;
woyii mʼayitoma firii me ho
na wode anigyeɛ firaa me,
12sɛ mʼakoma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm.
Ao Awurade me Onyankopɔn, mɛda wo ase daa.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
