Yesaia 21 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Babilonia

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho:

Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no,

saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba.

Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.

2Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me:

Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ.

Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim!

Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.

3Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu,

ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no;

deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so,

deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.

4Mʼakoma bɔ paripari,

ehu ma me ho popo;

na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no

abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.

5Wɔto ɛpono,

wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam,

wɔdidi, na wɔnom!

Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ,

momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!

6Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:

“Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ

na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.

7Sɛ ɔhunu nteaseɛnam

ne apɔnkɔ akuakuo,

wɔn a wɔtete mfunumu so

ne wɔn a wɔtete nyoma so a,

ɔnwɛn nʼaso

wɛn pa ara.”

8Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,

“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so

anadwo biara, megyina hɔ.

9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi

ɔne apɔnkɔ dɔm.

Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ,

‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase!

Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa

abubu agu fam!’ ”

10Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase

meka deɛ mateɛ kyerɛ mo,

deɛ ɛfiri Asafo Awurade,

deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

11Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho:

Obi frɛ me firi Seir,

“Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye?

Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”

12Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ,

“Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa.

Sɛ wobɛbisa bio a

sane bra bɛbisa.”

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Arabia

13Adehunu a ɛfa Arabia ho:

Mo Dedan akwantufoɔ a

mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,

14Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn;

mo a motete Tema,

mommrɛ adwanefoɔ aduane.

15Wɔdwane firi akofena a watwe

tadua a wɔakuntun mu

ne ɔko a ɛgyina mu ano.

16Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa.

17Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help