Nnwom 53 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 53Dawid dwom.

1Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ,

“Onyankopɔn bi nni hɔ.”

Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ.

Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

2Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam

sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a

wɔwɔ nteaseɛ,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3Obiara amane;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne;

wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa;

ɔbaako mpo nni hɔ.

4Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa?

Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane.

Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn.

5Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa!

Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ.

Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu;

wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa.

6Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!

Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.

Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help