Nnwom 88 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 88Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.

1Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn

mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ.

2Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim;

brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.

3Ɔhaw ahyɛ me kra ma

na me nkwa rebɛn owuo.

4Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu;

mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden.

5Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu,

te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu,

wɔn a wonkae wɔn bio,

na wonhwɛ wɔn bio.

6Woato me atwene damena ase tɔnn,

wɔ esum kabii mu.

7Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so;

woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

8Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn

woama me ho ayɛ wɔn ahi.

Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane;

9awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu.

Ao Awurade mesu frɛ wo da biara;

metrɛ me nsam kyerɛ wo.

10Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa?

Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa?

11Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa,

anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom?

12Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum,

anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so?

13Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me;

me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu

14Ao Awurade, adɛn nti na wopo me

na wode wʼanim hinta me?

15Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo;

wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba.

16Wʼabofuhyeɛ abu afa me so;

wʼahunahuna asɛe me.

17Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire,

na wɔabu afa me so koraa.

18Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ;

na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help