Hesekiel 35 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔ Seir; hyɛ nkɔm tia no

3na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Bepɔ Seir, na mɛtene me basa atia wo, na mɛma woada mpan.

4Mɛdane wo nkuro ama ayɛ mmubuiɛ na wobɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.

5“ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na woyii Israelfoɔ maa akofena wɔ wɔn amanehunu mu, ɛberɛ a wɔn asotwe duruu ne mpɔnpɔnsoɔ no

6enti, sɛ mete ase yi deɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede wo bɛma mogyahwieguo na ɛbɛdi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwieguo no enti, mogyahwiegu bɛtaa wo.

7Mɛma bepɔ Seir ada mpan, na mayi wɔn a wɔdi so akɔneaba no afiri hɔ.

8Mede atɔfoɔ bɛhyɛ wo mmepɔ so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ akofena ano bɛhwehwe ase wɔ wo nkokoɔ so, mmɔnhwa mu ne wo subɔnhwa mu.

9Mɛma wada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkuro so. Afei, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.

10“ ‘Woaka sɛ, “Saa aman mmienu ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea na yɛbɛfa,” wɔ ɛberɛ a me Awurade mete hɔ,

11enti, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, me ne wo bɛdi no sɛdeɛ abufuo ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotanee wɔn no mu no teɛ, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, ɛberɛ a mɛbu wo atɛn.

12Afei, wobɛhunu sɛ me Awurade, mate animtiabuo nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ. Wokaa sɛ, “Wɔama ada mpan na wɔadane ama yɛn sɛ yɛmfa.”

13Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na meteeɛ.

14Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛberɛ a ewiase nyinaa redi ahurisie no, mɛma woada mpan.

15Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help