Mmɛbusɛm 6 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Agyimisɛm Ho Kɔkɔbɔ

1Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,

sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,

2sɛ deɛ wokaeɛ ayi ka ama wo

na sɛ wʼano asɛm afidie ayi wo a,

3ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho,

sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti:

fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim;

na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!

4Mma wʼani nkum

na nntɔ nko.

5Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam

anaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu.

6Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn;

hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa!

7Ɔnni ɔsahene,

ɔnni ɔhwɛfoɔ anaa sodifoɔ bi,

8nanso, ɔde aduane sie wɔ ahuhuro ɛberɛ mu

ɔboaboa nnuane ano wɔ twaberɛ.

9Wo, ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn?

Wɔbɛnyane ɛberɛ bɛn?

10Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

11ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ

na ahokyere ato ahyɛ wo so sɛ deɛ ɔkura tuo.

12Onipa teta ne ohuhuni a

ɔde atorɔ kyini,

13deɛ ɔbu nʼani,

na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnneɛ

na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,

14deɛ ɔde nʼakoma mu nnaadaa bɔ ɛpɔ bɔne,

na ɔde mpaapaemu ba ɛberɛ biara.

15Ɛno enti amanehunu bɛba ne so prɛko pɛ;

wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduro.

16Nneɛma nsia na Awurade mpɛ,

nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ:

17ani a ɛtra ntɔn,

atorɔ tɛkrɛma,

nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo,

18akoma a ɛdwene amumuyɛ ho,

nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne,

19Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ

ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.

Awaresɛeɛ Ho Kɔkɔbɔ

20Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ

na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu.

21Fa kyekyere wʼakoma ho daa;

na fa kyekyere wɔ kɔn mu.

22Wonante a, ɛbɛkyerɛ wo ɛkwan;

sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo;

sɛ wonyane a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.

23Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea;

saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,

na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi

yɛ nkwa kwan,

24ɛtwe wo firi ɔbaa a ɔnni suban pa no ho,

firi ɔbaawarefoɔ sansani tɛkrɛmadɛ ho.

25Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ

mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,

26ɛfiri sɛ, odwamanfoɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wo,

na obi yere gyegye wo kɔ owuo mu.

27Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a

ɛnhye nʼatadeɛ anaa?

28Obi bɛtumi anante gyasramma so a

mpumpunnya mmobɔ ne nan ho anaa?

29Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛ

obiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da.

30Nnipa mmu ɔkorɔmfoɔ a wakɔwia adeɛ animtiaa

sɛ ɛkɔm de no na ɔde rekɔdwodwo ano enti.

31Mmom sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ ɔtua ka mmɔho nson;

sɛ ɛhia sɛ wɔtɔn ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔtɔn.

32Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene;

obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

33Ɔboro ne animguaseɛ na ɔbɛnya,

na nʼahohora rempepa da.

34Ninkunutweɛ hwanyane okunu abufuo

na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔborɔ biara nni mu.

35Ɔrennye mpata biara;

na ɔbɛpo adanmudeɛ, sɛ ɛso sɛ ɛdeɛn mpo a.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help