Mika 1 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1 Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.

2Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,

montie, asase ne mo a mote so nyinaa.

Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo,

ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.

Atemmuo A Ɛtia Samaria Ne Yerusalem

3Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba;

ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.

4Mmepɔ nane wɔ nʼase,

mmɔnhwa mu paepae

te sɛ ama a aka ogya,

te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.

5Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,

ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti.

Yakob nnebɔne ne sɛn?

Ɛnyɛ Samaria anaa?

Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea?

Ɛnyɛ Yerusalem anaa?

6“Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie,

baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.

Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu

ama ne fapem ho ada hɔ.

7Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini;

wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa.

Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa.

Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa

ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti

wɔde bɛma adwamanfoɔ.”

Osu Ne Awerɛhoɔ

8Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ;

mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa.

Mɛpɔ so sɛ odompo

na masu sɛ ɔpatuo.

9Nʼapirakuro no wuo ayɛ den;

abɛduru Yuda.

Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano

mpo aduru Yerusalem ankasa.

10Monnka no wɔ Gat

monnsu koraa

Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ

monyantam mfuturo mu.

11Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu,

mo a mote Safir.

Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue

Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu;

ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.

12Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu

de twɛn mmoa,

ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba

abɛduru Yerusalem ɛpono ano.

13Mo a mote Lakis,

monsiesie nteaseɛnam no.

Mo ne bɔne farebae

ma Ɔbabaa Sion,

na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

14Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat,

Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.

15Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo

mo a mote Maresa.

Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no

bɛba Adulam.

16Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ,

wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;

mommɔ tikwa te sɛ ɔpete,

ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn

akɔ nnommumfa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help