Mmɛbusɛm 15 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo,

nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.

2Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ,

nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.

3 Awurade ani hunu baabiara,

na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.

4Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua,

nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.

5Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.

6Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie,

nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn.

7Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu;

nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ.

8 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ,

nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani.

9 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan,

nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee.

10Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so,

deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu.

11Owuo ne Ɔsɛeɛ da Awurade anim,

na nnipa akoma mu deɛ, ɔnim ma ɛboro so.

12Ɔfɛdifoɔ mpɛ ntenesoɔ;

ɔnnkɔbisa anyansafoɔ hwee.

13Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere,

na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.

14Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.

15Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ,

nanso anigyeɛ akoma wɔ daa ahosɛpɛ mu.

16Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛ

sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.

17Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛ

sene nantwie sradenam a ɔtan bata ho.

18Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba,

nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.

19Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi,

nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn.

20Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye

nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.

21Agyimisɛm ma deɛ ɔnni adwene ani gye,

nanso deɛ ɔwɔ nteaseɛ no fa ɛkwan a ɛtene so.

22Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe,

nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie.

23Onipa a ɔma mmuaeɛ a ɛfata no ani gye,

asɛm a ɛba berɛ pa mu no nso yɛ.

24Onyansafoɔ asetena mu kwan ma no nkɔsoɔ

ɛsi ne da mu korɔ ho ɛkwan.

25 Awurade sɛe ɔhantanni fie

na ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ.

26 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ,

nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ.

27Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua,

nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.

28Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ,

nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.

29 Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa

nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ.

30Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka,

na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.

31Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no

ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase.

32Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu.

33 Awurade suro kyerɛ onipa nyansa,

ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help