Nnwom 130 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 130Ɔsorokorɔ dwom.

1Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo;

2Ao Awurade tie me nne.

Wɛn wʼaso

ma me nkotosrɛ.

3Ao Awurade, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a,

anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

4Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ;

ɛno enti wɔsuro wo.

5Metwɛn Awurade, me kra twɛn,

na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ.

6Me kra twɛne Awurade

sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ,

sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ.

7Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so,

ɛfiri sɛ Awurade wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa

na ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu.

8Ɔno ankasa bɛgye Israel

afiri wɔn bɔne nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help