Nnwom 70 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 70Dawid adesrɛ dwom.

1Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa;

Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me.

2Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no

anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa

mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.

3Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no

nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti.

4Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa

nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ,

“Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!”

5Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ;

Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.

Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ;

Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help