Nnwom 122 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 122Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1Ɛberɛ a wɔsee me sɛ,

“Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ.

2Yɛgyinagyina wʼapono ano,

Ao Yerusalem.

3Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn.

Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.

4Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ,

Awurade mmusuakuo no.

Wɔkɔkamfo Awurade din

sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ.

5Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi,

Dawid fie nhennwa no.

6Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ,

“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.

7Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu

na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.”

8Me nuanom ne me nnamfonom enti,

meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.”

9 Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti,

mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help