Nnwom 79 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 79Asaf dwom.

1Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so;

wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi,

wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ.

2Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduane

ama ewiem nnomaa,

na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa.

3Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuo

wɔ Yerusalem ho nyinaa,

na obiara nni hɔ a ɔbɛsie awufoɔ no.

4Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ,

fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.

5Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa?

Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn?

6Hwie wʼabofuo gu amanaman

a wɔnni woɔ no so,

ahennie a

wɔmmɔ wo din no;

7ɛfiri sɛ wɔakum Yakob

na wɔasɛe nʼatenaeɛ.

8Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn;

ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm,

na yɛwɔ ahohiahia mu.

9Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,

wo din no animuonyam nti;

gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn

wo din enti.

10Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ,

“Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”

Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛ

wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ.

11Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim;

fa wo basa ahoɔden no

kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.

12Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no,

tua wɔn so ka mprɛnson.

13Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no,

bɛyi wo ayɛ daa nyinaa;

ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ

yɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help