Nnwom 133 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 133Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ

sɛ anuanom bom tena faako!

2Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,

na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu,

ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu,

ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so.

3Ɛte sɛ Hermon bosuo a

ɛtɔ gu Bepɔ Sion so.

Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira,

nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help