1Wɔnim Onyankopɔn wɔ Yuda;
ne din so wɔ Israel.
2Ne ntomadan si Salem,
ne tenaberɛ wɔ Sion.
3Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya,
ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu.
4Wo ho hann no hyerɛn,
na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no.
5Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma,
wɔadeda awufoɔ nna;
na akofoɔ no mu baako mpo
ntumi mpagya ne nsa.
6Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no
apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.
7Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsuro woɔ.
Sɛ wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim?
8Wobuu atɛn firii soro,
asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn,
9ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn,
de gyee amanehunufoɔ wɔ asase no so.
10Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo,
na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.
11Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn no bɔ na monni so;
momma nsase a atwa ne ho ahyia
mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wɔsuro noɔ no.
12Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase;
na asase so ahemfo suro no.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde ma Yedutun.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
