Nnwom 39 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 39Dawid dwom.

1Mekaa sɛ, “Mɛhwɛ mʼakwan yie

na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;

mɛto mʼano nnareka

ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi.

2Nanso brɛ a meyɛɛ komm

a manka asɛm papa biara mpo no

mʼapinisie mu yɛɛ den.

3Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu

na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu

na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ:

4“Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ

ne me nna dodoɔ;

ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.

5Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ;

na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so.

Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ.

6Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa;

ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa;

ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.

7“Afei Awurade ɛdeɛn na merehwehwɛ?

Mʼanidasoɔ wɔ wo mu.

8Gye me firi me bɔne nyinaa mu;

mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ.

9Meyɛɛ komm, na mammue mʼano

ɛfiri sɛ, wo na woayɛ yei.

10Yi wʼasotwe firi me so;

wo nsa ano amanehunu amene me.

11Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho;

wosɛe wɔn ahonya te sɛ nweweboa

onipa biara yɛ ahomeɛ kɛkɛ.

12“Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,

tie me sufrɛ;

nsi wʼaso wɔ me su ho

Me ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ,

sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no.

13Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bio

ansa na mafiri ha a mente ase bio.”

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help