Nnwom Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuWɔyɛɛ nnwom maa tetefoɔ no sɛdeɛ ɛnnɛ yi nwoma ahodoɔ yɛ ma nnɛmma yi. Nnwomhyehyɛfoɔ ahodoɔ bebree na wɔtwerɛɛ nnwom ɔha ne aduonum no. Ɔhene Dawid twerɛɛ aduɔson mmiɛnsa; Asaf mma twerɛɛ dumienu; ɔhene Salomo twerɛɛ mmienu; Efan, Heman ne Mose twerɛɛ mmaako mmaako; Kora mma twerɛɛ emu edu. Aduonum a aka no, Dawid ne Salomo twerɛɛ emu fa kɛseɛ. Nhwehwɛmu ahodoɔ nso kyerɛ sɛ Ɛsra a ɔboaboa nnwom ahodoɔ yi nyinaa ano no nso twerɛɛ emu baako. Nnwom no bi yɛ mpaeɛ ne nkamfoɔ; ebi kasa fa Onyankopɔn kɛseyɛ ne ne kronnyɛ ho, na afoforɔ nso hyɛ Agyenkwa no ho nkɔm. Ebi fa ahonuo, abakɔsɛm, ɔgyeɛ, bɔhyɛ ne atamfoɔ asotwe ho. Ɛnna afoforɔ kyerɛkyerɛ fa ɔsoro kɛseyɛ, asase kɛseyɛ, ɛpo kɛseyɛ, nkekaboa, wura frɔmfrɔm adidibea, mmepɔ ne abɔn ho. Wɔakyekyɛ nnwom no mu akuakuo enum.Emu NsɛmNkyɛmu a ɛdi ɛkan (1–41)Nkyɛmu a ɛtɔ so mmienu (42–72)Nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa (73–89)Nkyɛmu a ɛtɔ so nan (90–106)Nkyɛmu a ɛtɔ so enum (107–150)