1Ao Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu
na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.
2Wo bɛmma ahwire me mu,
na wo nsa adwerɛ me.
3Wʼabofuhyeɛ no enti, ahoɔden biara nni me mu;
me bɔne enti, me nnompe ahodwo.
4Mʼafɔdie amene me
te sɛ adesoa a emu yɛ duru dodo.
5Mʼakuro bɔn na aporɔ
ɛsiane me bɔne mu agyimisɛm enti.
6Makoto na wɔabrɛ me ase;
da mu nyinaa menantenante twa agyaadwoɔ.
7Mʼakyi dompe mu yea boro so:
ahoɔden biara nni me onipadua mu.
8Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa.
Mʼakoma mu yea ma me si apinie.
9Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;
mʼapinisie nhintaa wo.
10Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa
mpo mʼaniwa aduru sum.
11Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me;
mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho.
12Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie,
wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ.
Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho.
13Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm,
mete sɛ mumu a ɔntumi nkasa.
14Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm,
deɛ nʼano ntumi mma mmuaeɛ.
15Ao Awurade, meretwɛn wo;
Ao Awurade me Onyankopɔn, wobɛgye me so.
16Mekaa sɛ, “Mma wɔn ani nnye;
anaa mma wɔnhoahoa wɔn ho wɔ me nan a awatiri no enti.”
17Mereyɛ mahwe ase,
na me yea da so wɔ me mu.
18Meka me mfomsoɔ kyerɛ;
me bɔne hyɛ me so.
19Bebree na wɔyɛ mʼatamfoɔ;
wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso.
20Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no
bɔ me ahohora ɛberɛ a mereyɛ papa.
21Ao, Awurade nnya me.
Ao me Onyankopɔn, nkɔ akyiri!
22Bra ntɛm bɛboa me,
Awurade, mʼAgyenkwa.
Wɔde ma ɔdwomkyerɛfoɔ no. Yedutun.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
