Mmɛbusɛm 17 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ wɔ ho

yɛ sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ wɔ mu.

2Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so,

na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako.

3Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ

nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ.

4Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne;

ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma.

5Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa;

na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.

6Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam,

na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa.

7Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea,

saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene.

8Kɛtɛasehyɛ daadaa deɛ ɔma;

ɔgye sɛ ɛbɛma no nkonim.

9Deɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ so no ma ɔdɔ ɛkwan,

na deɛ ɔbɔ soɔ no tete nnamfonom ntam.

10Nkaanim sɔ onipa a ɔwɔ nhunumu ani

sene mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.

11Onipa bɔnefoɔ ani wɔ atuateɛ nko ara so

na wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.

12Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma

sene ɔkwasea a ɔregyimie.

13Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a,

bɔne rempa ne fie da.

14Ntɔkwa ahyɛaseɛ te sɛ deɛ wɔretue suka;

enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.

15Sɛ wɔbɛgyaa deɛ ɔdi fɔ ne sɛ wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no,

Awurade kyiri ne mmienu.

16Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam ho nni mfasoɔ,

ɛfiri sɛ ɔnni botaeɛ biara sɛ ɔbɛhunu nyansa.

17Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu,

wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.

18Obi a ɔnni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu

nam so de si awowa ma ne yɔnko.

19Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no dɔ bɔne;

deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ.

20Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ;

deɛ ne tɛkrɛma daadaa no tɔ amaneɛ mu.

21Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ;

ɔba kwasea agya nni anigyeɛ.

22Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ,

nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.

23Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase

de kyea atɛntenenee.

24Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani kɔ nyansa so,

na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano.

25Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ,

na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea.

26Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso,

anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti.

27Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho,

na deɛ ɔwɔ nhunumu no wɔ abodwoɔ.

28Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wɔbu no sɛ ɔnyansafoɔ,

na sɛ ɔmua nʼano a wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help