1Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade;
momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.
2Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,
na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.
3Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ,
ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so.
4Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ,
na mmepɔ mpampam wɔ no.
5Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ,
na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no.
6Mommra mma yɛnkoto nsom no.
Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim!
7Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn;
yɛyɛ nʼadidibea nnipa,
ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so.
Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,
8mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no,
sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no,
9Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ,
a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn.
10Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan
na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,
na wɔanhunu mʼakwan.”
11Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ,
“Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
