Habakuk Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuHabakuk Nwoma yi yɛ odiyifoɔ no abooboo ne Onyankopɔn mmuaeɛ. Habakuk hunuu atuateɛ, atirimuɔden ne bɔne ahodoɔ a atwa ne ho ahyia. Yei haa no, ma ɔbisaa Awurade deɛ enti a ɔnntwe nnebɔneyɛfoɔ aso wɔ ɛberɛ a bɔne adɔɔso, na nnebɔneyɛfoɔ di yie wɔ asetena mu. Onyankopɔn mmuaeɛ ne sɛ, ɛyɛ dɛn ara a, nnebɔneyɛfoɔ bɛnya asotwe na teneneeyɛ nso ada adi.Nwoma no awieeɛ yɛ anigyeɛ mpaeɛbɔ a ɛfiri te a odiyifoɔ no ate Onyankopɔn tumi ne ne dɔ ase yie no.Emu NsɛmHabakuk akyinnyegyeɛ (1.1–2.20)Habakuk mpaeɛbɔ (3.1-19)