1Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa!
Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me!
2Bebree no ara ka fa me ho sɛ,
“Onyankopɔn rennye no”.
3Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia
wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti.
4Meteam su frɛ Awurade,
na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.
5Metɔ hɔ na meda a,
menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade kora me so.
6Merensuro atamfoɔ mpem mpem a
wɔatwa me ho ahyia no.
7Sɔre, Ao Awurade!
Gye me, Ao me Onyankopɔn!
Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan;
na tutu amumuyɛfoɔ se.
8 Awurade hɔ na ɔgyeɛ firi ba.
Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
