Yeremia Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuYeremia nwoma yi ahyɛaseɛ ka odiyifoɔ Yeremia ɔfrɛ ho asɛm.Nwoma yi mu no, odiyifoɔ no kasa tia ɔman no akyirisane ne mmusubɔ a ɛyɛ Onyankopɔn din sɛeɛ. Ɔtuu ɔman no fo sɛ, “Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn, anyɛ saa a ɔbɛbu mo atɛn.” Ɛsiane sɛ nnipa no poo saa kɔkɔbɔ no enti Yeremia hyɛɛ nkɔm, na ɔsii no pi sɛ Yerusalem bɛsɛe, na wɔafa Israelfoɔ nnommum akɔ Babilonia. Ɔno ara nso na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Israelfoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na wɔabɛkyekyere ɔman no bio.Emu NsɛmOnyankopɔn Atemmuo a ɛbɛba Yuda so (1.1–45.5)Onyankopɔn atemmuo a ɛbɛba aman no so (46.1–52.34)