Hesekiel 22 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Yerusalem Nnebɔne

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2“Onipa ba, wobɛbu Yerusalem atɛn? Wobɛbu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn anaa? Ɛnneɛ fa ne nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa si nʼanim

3na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ao kuropɔn a ɔnam mogya hwieguo so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi,

4woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ enti. Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ awieeɛ no aba. Enti mɛyɛ wo ahohoradeɛ wɔ amanaman no mu, ne asredeɛ wɔ amantam no nyinaa mu.

5Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bɛdi wo ho fɛw, Ao Kuropɔn a ɛnni animuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.

6“ ‘Hwɛ sɛdeɛ Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya guo.

7Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu. Wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatane awisiaa ne akunafoɔ ani.

8Wɔabu mʼakronkronneɛ animtiaa na woagu me home nna ho fi.

9Wo mu na mmarima ntwatosofoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo wɔ, wɔn a wɔdidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohoradeɛ.

10Wo mu na wɔn a wɔgu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ. Wɔn a wɔne mmaa a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho nteɛ no da no wɔ wo mu.

11Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔfoforɔ ne nʼase baa da wɔ animguaseɛ mu, na ɔfoforɔ ne ne nuabaa da, ɔno ankasa nʼagya babaa.

12Wo mu na nnipa gye adanmudeɛ ka mogya guo; wɔgye nsihoɔ ne mfasoɔ a ɛboro so firi wɔn mfɛfoɔ nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afiri me, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.

13“ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisie ahonya ne mogya a woahwie agu no so.

14Wʼakokoduro bɛtumi agyina anaa sɛ wo nsa bɛyɛ den ɛda no a me ne wo bɛnya no anaa? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ.

15Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawieeɛ.

16Sɛ wɔgu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”

17Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18“Onipa ba, Israel efie abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanya, dadeɛ ne sumpii a wɔagya wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛ fi hunaa.

19Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛ fi enti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem.

20Sɛdeɛ nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanya ano hyɛ fononoo mu de egyadɛreɛ a ano yɛ dene nane no, saa ara na mɛfiri mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manane mo.

21Mɛboaboa mo ano na mahu mʼabufuhyeɛ ogya agu mo so, na moanane wɔ ne mu.

22Sɛdeɛ wɔnane dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane wɔ ne mu na moahunu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuhyeɛ agu mo so.’ ”

23Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ:

24“Onipa ba, ka kyerɛ asase no sɛ, ‘Woyɛ asase a woanya osutɔ anaa osuo ampete wo so wɔ abufuo ɛda no.’

25Ne mmapɔmma abɔ pɔ bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔm na ɔtete ne haboa mu. Wɔwe nnipa nam, wɔfa ademudeɛ ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafoɔ dɔɔso wɔ ne mu.

26Nʼasɔfoɔ bu me mmara so na wɔgu mʼakronkronneɛ ho fi; wɔnnkyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronn ne deɛ ɛnyɛ kronn ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonsonoeɛ biara nna deɛ ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ ntam, na wɔbu wɔn ani gu me home nna die so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu.

27Nʼadwumayɛfoɔ te sɛ mpataku a wɔretete wɔn ahaboa mu; wɔhwie mogya gu na wɔkum nnipa de pɛ mfasoɔ bɔne.

28Nʼadiyifoɔ nam atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,’ wɔ ɛberɛ a Awurade nkasaeɛ.

29Asase no so nnipa di amin na wɔbɔ korɔno; wɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so, wɔnnye ahɔhoɔ ani na wɔde atɛntenenee kame wɔn.

30“Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasuo no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhunu obiara.

31Ɛno enti, mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so, na mede mʼabufuo a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama deɛ wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn tiri so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help