1 Mose Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nnianimu Gyenesis asekyerɛ ne ahyɛaseɛ. Ɛno na na ɛbuebue ewiase atetesɛm ahyɛaseɛ no mu. Ɛma yɛhunu nnipa abakɔsɛm mu. Ɛma yɛhunu abusua abɔseɛ mu. Saa ara na ɛboa ma yɛn ɛkankorɔ wɔ yɛn nkwagyeɛ mu. Ɛyɛ Onyankopɔn botaeɛ anaa ne nhyehyɛeɛ a ɔfaa so de adebɔ baeɛ. Ɛda Onyankopɔn su adi sɛ Ɔyɛfoɔ, Ɔboafoɔ, Ɔteneneeni, Ɔtɛmmufoɔ ne Ɔgyefoɔ. Ɛda onipa mudie ne animuonyam a Onyankopɔn de bɔɔ no no nso adi.Wɔakyɛ Gyenesis nwoma no mu mmienu:Ɔfa a ɛdi ɛkan yɛ ti a ɛdi ɛkan kɔsi ti dubaako a ɛkasa fa sɛdeɛ wɔbɔɔ ewiase ne adasamma firi Adam so kɔsi Babel Abantenten ho abakɔsɛm.Ɔfa a ɛtɔ so mmienu yɛ ti dumienu kɔsi ti aduonum a ɛkasa fa tete Israelfoɔ ho; ɛfiri Abraham, Isak, Yakob ne ne mmammarima dumienu no kɔsi sɛdeɛ ɛnam Yosef so ma wɔkɔtenaa Misraim asase so ho.Emu NsɛmAdebɔ Ho Asɛm (1.1–2.3)Adam Ho Asɛm (2.4–5.32)Noa Ho Asɛm (6.1–11.32)Abraham Ho Asɛm (12.1–25.18)Isak Ho Asɛm (25.19–28.9)Yakob Ho Asɛm (28.10–36.43)Yosef Ho Asɛm (37.1–50.26)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help