Nnwom 84 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 84Kora mma dwom.

1Ao Asafo Awurade,

wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka!

2Me kra pere, mpo ɛtɔ piti,

sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ;

mʼakoma ne me honam team

frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ.

3Mpo akasanoma anya fie,

na asomfena nso anwono ne pirebuo,

baabi a ɔbɛhwane ne mma

wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia,

Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn.

4Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie;

na wɔkamfo wo din daa.

5Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,

na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo.

6Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a,

wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa;

osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so.

7Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa,

kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion.

8Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ;

Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me.

9Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm;

fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no.

10Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena

yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ;

mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie

sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu.

11Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm;

Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam;

ɔremfa ade pa biara nkame

wɔn a wɔteneɛ.

12Ao Asafo Awurade,

nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help