3 Mose 2 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Atokoɔ Afɔrebɔ

1“ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ ɔde asikyiresiam a ɛyɛ fɛ a wahwie ngo agu so de aduhwam afra na ɛbɔ.

2Ɛsɛ sɛ ɔsa ne nsabuo ma de si aduane no nyinaa anan de ma asɔfoɔ no mu baako hye sɛ afɔrebɔdeɛ, na ɛbɛyɛ Awurade anisɔ.

3Ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam no nkaeɛ ma Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔn aduane; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

4“ ‘Sɛ wɔde burodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔreka nni mu na ɛbɔ saa afɔdeɛ no. Motumi de burodo ntrawa dɛɛdɛ a mmɔreka nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔdeɛ ma ɛyɛ yie.

5Sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aduane a wɔato no dadeɛ so a, asikyiresiam muhumuhu a mmɔreka mfra mu na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔdeɛ no.

6Mommubu mu asinasini na monhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atokoɔ afɔdeɛ ara pɛ.

7Sɛ monoa mo afɔdeɛ no wɔ kyɛnsee mu a, ɛno nso, momfa asikyiresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔdeɛ no.

8Sɛ moyɛ aduane bi, sɛ motooɛ, sɛ mokyeeɛ anaasɛ mohoeɛ no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔdeɛ no kɔma ɔsɔfoɔ na ɔno nso de kɔ afɔrebukyia no anim de kɔma Awurade.

9Afɔrebɔdeɛ no mu kakra bi na ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no hye, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa.

10Deɛ ɛbɛka no yɛ asɔfoɔ no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.

11“ ‘Afɔrebɔ a mode asikyiresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔreka mfra mu, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔreka anaa ɛwoɔ fra mu.

12Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduanekan afɔrebɔdeɛ, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

13Momfa nkyene mfra afɔrebɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, nkyene yɛ nkaedeɛ wɔ Onyankopɔn apam no mu.

14“ ‘Sɛ mode mo mfudeɛ a ɛdi ɛkan mu aba kane rebɛbɔ afɔdeɛ a, emu aburoo no monhwane ho na monkye na momfa mma Awurade.

15Momfa ngo ne aduhwam nyɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ atokoɔ afɔdeɛ.

16Na asɔfoɔ no bɛhye aburoo no bi a wɔde ngo ne aduhwam afra no sɛ nkaedeɛ wɔ Awurade anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help