Yesaia 35 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Wɔn A Wɔagye Wɔn No Ahosɛpɛ

1Anweatam ne asase a awo no ani bɛgye;

ɛserɛ bɛdi ahurisie na ayɛ frɔmm.

Te sɛ nhwiren no,

2ɛbɛpae ayɛ fɛɛfɛɛfɛ;

ɛbɛdi ahurisie na ɛde anigyeɛ ateam.

Wɔde Lebanon animuonyam bɛma anweatam no.

Ɛbɛyɛ sɛ Karmel ne Saron ahoɔfɛ;

wɔbɛhunu Awurade animuonyam,

yɛn Onyankopɔn tumi no.

3Hyɛ nsa a emu ago no mu den,

hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den;

4Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ,

“Monhyɛ mo ho den, na monnsuro;

mo Onyankopɔn bɛba,

ɔde aweretɔ bɛba;

ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro

bɛba abɛgye mo nkwa.”

5Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani,

na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm.

6Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ,

na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam.

Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so,

na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so.

7Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ,

na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so.

Atu a anka sakraman te mu no,

ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie.

8Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ;

wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan.

Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so;

ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so;

amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so.

9Gyata biara rentena hɔ,

na nkekaboa biara rensi so;

wɔrenhunu wɔn wɔ hɔ.

Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,

10na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsane aba.

Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion;

anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ.

Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ,

na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help