Yeremia 30 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Wɔgye Israel Si Hɔ

1Asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ nie:

2“Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: ‘Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu.

3Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.”

4Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho:

5“Deɛ Awurade seɛ nie:

“ ‘Akomatuo nteateam na mete,

mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ.

6Mommisa na monhunu:

Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa?

Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara

sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu,

na anim biara ayɛ bosaa saa?

7Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa!

Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno.

Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob,

nanso, wɔbɛyi no afiri mu.

8“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ,

‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu,

na matete wɔn nkyehoma no mu;

ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.

9Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn

ne Dawid wɔn ɔhene,

a mɛpagya no ama wɔn.

10“ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ;

mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’

deɛ Awurade seɛ nie.

‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri,

ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.

Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ

na obiara renhunahuna no bio.

11Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’

Awurade na ɔseɛ.

‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,

wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no,

nanso merensɛe mo korakora.

Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so;

meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’

12“Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“ ‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ,

na ɛnni asaeɛ.

13Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,

wo kuro no rennya aduro,

na worennya ayaresa.

14Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo;

wo ho biribiara mfa wɔn ho.

Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ

na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe,

ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo

na wʼamumuyɛ nso dɔɔso.

15Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho,

wo yeadie a ano nni aduro ho?

Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti

na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.

16“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;

mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.

Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn.

Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so.

17Nanso mɛma wo ahoɔden bio

na masa wo apirakuro,’

Awurade na ɔseɛ,

‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ,

Sion a wo ho nhia obiara.’

18“Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba

na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no;

wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so,

na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie.

19Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba

ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ.

Mɛma wɔadɔɔso,

na wɔn dodoɔ no so rente;

mɛhyɛ wɔn animuonyam,

na wɔremmu wɔn abomfiaa.

20Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no,

mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;

wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.

21Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako;

na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu.

Mɛka no abata me ho na wabɛn me,

na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho ama

sɛ ɔbɛbɛn me?’

Awurade na ɔseɛ.

22‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ,

na mayɛ mo Onyankopɔn.’ ”

23Hwɛ, Awurade ahum

bɛtu abufuhyeɛ mu,

ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ

amumuyɛfoɔ mpampam.

24 Awurade abufuo rennwo

kɔsi sɛ ɔbɛwie

nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.

Nna a ɛreba no mu no

mobɛte yei ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help