1Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ baanan sɛ, wɔgyinagyina asase ntweaa nan no so a wɔretwe mframa nan a ɛwɔ asase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne ɛpo so ne baabiara.
2Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no.
3Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde nsɔano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfoɔ no agyiraeɛ.”
4Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyiraeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan ɛnan, a wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu.
5Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Ruben abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Gad abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
6Aser abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Naftali abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Manase abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
7Simeon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Lewi abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Isakar abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
8Sebulon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Yosef abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Nnipakuo9Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ.
10Wɔteaam sɛ,
“Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn
a ɔte ahennwa no so
ne Odwammaa no.”
11Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn
12kaa sɛ,
“Amen!
Nhyira ne animuonyam
ne nyansa ne aseda ne anidie
ne tumi ne ahoɔden
yɛ Onyankopɔn dea daa daa.
Amen!”
13Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?”
14Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.”
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa.
15Na ɛno enti na,
“wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim
a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi.
Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no
bɛbɔ wɔn ho ban.
16Sukɔm renne wɔn bio;
ɛkɔm renne wɔn bio.
Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio.
17Ɛfiri sɛ, Odwammaa no a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no
bɛyɛ wɔn dwanhwɛfoɔ
de wɔn akɔ nkwa asutire ho.
Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.