2 Berɛsosɛm 22 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Ahasia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Afei, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a ɔdi hɔ. Na Arabfoɔ afomfafoɔ akuo akunkum mmammarima mpanimfoɔ no nyinaa. Ɛno enti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na ɔdii ɔhene wɔ Yuda.

2Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii ɔhene afe wɔ Yerusalem. Na ne maame a ɔyɛ Israelhene Omri nana no din de Atalia.

3Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri sɛ, ne maame hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu.

4Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no. Nʼagya wuo akyi no, Ahab abusuafoɔ na wɔbɛyɛɛ nʼafotufoɔ. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛeɛ mu.

5Esiane wɔn afotubɔne enti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wɔtuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu, Aramfoɔ no piraa Yoram.

6Yoram sane kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuro no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.

7Na yei danee mfomsoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ, ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kɔhyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Awurade ayi no sɛ ɔntwa Ahab fie adedie ntoatoasoɔ no so.

8Ɛberɛ a Yehu rebu atɛn atia Ahab fie no, ɔhyiaa Yuda mpanimfoɔ ne Ahasia abusuafoɔ bi a na wɔresom Ahasia. Enti, Yehu kunkumm wɔn nyinaa.

9Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wɔkɔhunuu no sɛ wakɔtɛ Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu, na ɔkumm no. Wɔsiee Ahasia maa ɛyɛɛ fɛ, ɛfiri sɛ, nnipa dii ne ho adanseɛ sɛ, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nana.” Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyire no mu biara amfata sɛ ɔdi ahennie no so.

Atalia Di Yuda So Ɔhene

10Ɛberɛ a Yudahene Ahasia ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehyeɛ abusua no.

11Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa, faa Ahasia babarima abadomaa Yoas firii ɔhene no mma a aka a wɔrebɛkum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kɔsiee pia bi mu. Yei ne ɛkwan a ɔsɔfoɔ Yehoiada yere Yehoseba faa so de abɔfra no sieeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Atalia nnya no nkum no.

12Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfeɛ nsia wɔ ɛberɛ a na Atalia di ɔman no so no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help