Yesaia 59 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Bɔne, Bɔneka Ne Ɔgyeɛ

1Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa,

na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.

2Nanso, mo amumuyɛ na atete

mo ne mo Onyankopɔn ntam;

mo bɔne ama nʼanim ahinta mo,

a enti ɔrente.

3Na mogya akeka mo nsa ho,

afɔdie afɔre mo nsateaa.

Mo ano akeka atorɔsɛm,

mo tɛkrɛma de amumuyɛsɛm di nsekuro.

4Obiara nhwehwɛ atɛntenee;

obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro.

Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo;

wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.

5Wɔhwane ananka nkosua

na wɔnwono ananse ntontan.

Deɛ ɔdi wɔn nkosua biara bɛwu,

emu baako nso bɔ a, ɛpae ahuritia.

6Wɔn ntontan nyɛ mma aduradeɛ;

wɔrentumi mfa deɛ wɔyɛ nkata wɔn ho.

Wɔn nneyɛɛ yɛ nneyɛɛ bɔne,

na wɔdi akakabensɛm.

7Wɔtu mmirika kɔyɛ bɔne;

wɔnkyɛre opira ne awudie ho.

Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.

8Asomdwoeɛ kwan no, wɔnnim;

atɛntenenee nni wɔn akwan so.

Wɔadane wɔn akwan nkontonkyi.

Obiara a ɔnante soɔ no rennya asomdwoeɛ.

9Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware,

na adetenenee mmɛn yɛn.

Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ esum;

deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu.

10Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho

hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani.

Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ;

yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ.

11Yɛn nyinaa pɔ so te sɛ sisire;

yɛde awerɛhoɔ kurum sɛ mmorɔnoma.

Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi;

ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri.

12Ɛfiri sɛ, yɛn mfomsoɔ adɔɔso wɔ wʼani so,

na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn.

Yɛn mfomsoɔ da yɛn anim daa,

na yɛgye yɛn amumuyɛ to mu:

13atuateɛ ne afatwa a ɛtia Awurade,

yɛn akyi a yɛdane kyerɛ yɛn Onyankopɔn,

nhyɛsoɔ ne atuateɛ a yɛfoa soɔ,

atorɔsɛm a ɛfiri akoma mu a yɛka.

14Enti wɔapam atɛntenenee kɔ nʼakyi,

na adetenenee akɔgyina baabi;

nokorɛ ahwe ase wɔ mmɔntene so.

Nokorɛdie ntumi mma mu.

15Nokorɛ nni baabiara,

obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no ayɛ ɔtamfoɔ.

Awurade hwɛeɛ na ansɔ nʼani

sɛ atɛntenenee nni hɔ.

16Ohunuu sɛ obiara nni hɔ.

Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata;

enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no,

na ne tenenee wowaa no.

17Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ,

ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so.

Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ

na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma.

18Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so

atua so ka.

Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ.

Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua;

nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn.

19Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din

na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam.

Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn,

Awurade ahomeguo de no bɛba.

20“Ɔgyefoɔ no bɛba Sion,

na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu,”

sei na Awurade seɛ.

21“Medeɛ yei yɛ me ne wɔn apam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom remfiri mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefoɔ anom, ɛfiri saa ɛberɛ yi kɔsi daa apem,” sei na Awurade seɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help