Mmɛbusɛm 21 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Ɔhene akoma da Awurade nsam;

ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

2Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so,

nanso Awurade na ɔkari akoma.

3Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a

ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.

4Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma,

ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne!

5Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba

sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.

6Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no

yɛ huhuro ne owuo afidie.

7Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,

ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.

8Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye,

na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.

9Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena

yɛ sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

10Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne;

ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.

11Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa,

sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.

12Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso wɔ omumuyɛfoɔ fie

na ɔde omumuyɛfoɔ no kɔ ɔsɛeɛ mu.

13Sɛ onipa sisi nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a

ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.

14Kokoam adekyɛ dwodwo akoma,

kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ.

15Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye

nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ.

16Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no

bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.

17Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani;

deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da.

18Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ,

na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.

19Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so,

sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.

20Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma,

nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.

21Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no

ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.

22Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so

na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam.

23Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no

ɔtwe ne ho firi amanenya ho.

24Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛdifoɔ”

ɔde ahantan ntrasoɔ yɛ adeɛ.

25Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no,

ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.

26Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree,

nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho.

27Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ,

ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.

28Adansekurumdini bɛyera,

na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no.

29Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm

na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.

30Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a

ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.

31Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da,

nanso nkonimdie yɛ Awurade dea.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help