Mmɛbusɛm 23 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a,

hwɛ deɛ ɛsi wʼanim no yie,

2Sɛ woyɛ adidibrada a,

hyɛ wo ho so.

3Nni nʼaduane akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi,

ɛfiri sɛ saa aduane no daadaa nnipa.

4Mmiri wo mogya ani mpɛ sika;

hunu nyansa na to wo bo ase.

5Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera,

ampa ara ɛbɛfu ntaban

na atu akɔ ewiem sɛ ɔkɔdeɛ.

6Nni obi a ɔyɛ pɛpɛɛ aduane

nni nʼakɔnnɔ aduane akyi;

7ɛfiri sɛ ɔyɛ obi a

ɛberɛ biara ɔdwene sika ho.

Ɔka sɛ, “Didi na nom,”

nanso ɛnyɛ nʼakoma mu.

8Kakra a woadi no wobɛfe

na ɛno enti wo nkamfo ho remma mfasoɔ.

9Nkasa nkyerɛ ɔkwasea,

ɛfiri sɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.

10Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ ngu,

na ntra hyeɛ nkɔ nwisiaa mfuo mu,

11ɛfiri sɛ, wɔn Gyefoɔ yɛ den,

na ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn.

12Ma wʼakoma mmra nkyerɛkyerɛ so

na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.

13Ntwentwɛne abɔfra ntenesoɔ so;

sɛ wode abaa tene no a, ɔrenwu.

14Fa abaa twe nʼaso

na gye ne kra firi owuo mu.

15Me ba, sɛ wʼakoma hunu nyansa a,

ɛnneɛ mʼakoma ani bɛgye;

16sɛ wʼano ka deɛ ɛtene a

me mu adeɛ nyinaa ani bɛgye.

17Mma wʼani mmerɛ abɔnefoɔ,

mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden ɛberɛ biara.

18Ampa ara anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye,

na wʼanidasoɔ renyɛ ɔkwa.

19Me ba, tie, na hunu nyansa,

ma wʼakoma mfa ɛkwan tenenee so.

20Mfa wo ho mmɔ akɔwensafoɔ

anaasɛ wɔn a wɔpɛ ɛnam mmorosoɔ,

21ɛfiri sɛ, akɔwensafoɔ ne adidibradafoɔ bɛyɛ ahiafoɔ,

na anikum fira wɔn ntomago.

22Tie wʼagya a ɔwoo woɔ no,

na sɛ wo maame bɔ aberewa a, mmu no animtia.

23Tɔ nokorɛ na ntɔn da;

nya nyansa, ahohyɛsoɔ ne nhunumu.

24Ɔteneneeni agya wɔ anigyeɛ bebree;

deɛ ɔwɔ ɔba nyansafoɔ no anigye ne ho.

25Ma wʼagya ne wo maame ani nnye;

ma ɔbaa a ɔwoo woɔ no nnya ahosɛpɛ.

26Me ba, fa wʼakoma ma me

na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,

27na odwamanfoɔ yɛ amena donkudonku

ɔyere sansani yɛ ɔdaadaafoɔ.

28Ɔtɛ, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafoɔ

na ɔma mmarima mu atorofoɔ dɔɔso.

29Hwan na wɔadome no? Hwan na ɔdi awerɛhoɔ?

Hwan na ɔdi apereapereɛ? Hwan na ɔnwiinwii?

Hwan na wapirapira hunaa? Hwan na mogya ada nʼani so?

30Wɔn a wɔkyɛre nsã ho,

na wɔka nsã a wɔafrafra hwɛ.

31Nhwɛ nsã ani kɔkɔɔ no haa,

ɛberɛ a ɛretwa yerɛ yerɛ wɔ kuruwa mu,

na ɛkɔ yɔɔ no.

32Awieeɛ no ɛka te sɛ ɔwɔ

na ɛwɔ borɔ te sɛ ahurutoa.

33Wʼani bɛhunu nneɛma a wonhunuu da,

na woadwene nneɛma basabasa ho.

34Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a,

ɔkura ɛhyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ɛdenkye denkye wɔ ɛpo so.

35Na wobɛka sɛ, “Wɔbɔ me, nanso mempira.

Wɔboro me, nanso mente ɔyea biara.

Ɛberɛ bɛn na menyane

akɔpɛ nsã anom bio?”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help