Hosea Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuEdin “Hosea” asekyerɛ ne “nkwagyeɛ”. Onyankopɔn maa odiyifoɔ Hosea ɔyere a wɔfrɛ no Gomer a wanni no nokorɛ. Ɔne mmarima afoforɔ mpo wowoeɛ, nanso Hosea kɔfaa ne yere yi ne no bɛtenaeɛ.Nwoma yi yɛ Hosea osuahunu a wɔnam so kasa kyerɛ Israel sɛ wɔnnyae adwamammɔ a ɛyɛ ahonisom ne abosomsom a wɔnam so abu wɔne Onyankopɔn ntam apam no so. Ɛhia sɛ wɔbɛsakyera wɔn adwene na wɔasane akɔ Onyankopɔn nkyɛn.Hosea Nwoma yi kyerɛ yɛn Onyankopɔn ayamyɛ sononko no ne asetena pa ho bɔhyɛ a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔtie atemmuo ho kɔkɔbɔ na wɔsane kɔ Onyankopɔn nkyɛn.Emu NsɛmHosea Yere Ɔkobɔni No (1.1–3.5)Onyankopɔn Nkurɔfoɔ Akobɔfoɔ No (4.1–14.9)1. Israel bɔne (4.1–6.3)2. Israel asotwe (6.4–10.15)3. Onyankopɔn dɔ a ɔdɔ Israel (11.1–14.9)