Nnwom 61 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 61Dawid dwom.

1Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ;

tie me mpaeɛbɔ.

2Mefiri asase ano frɛ wo,

mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha;

fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so.

3Woayɛ me dwanekɔbea,

aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.

4Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ

na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.

5Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn;

na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.

6To ɔhene nkwa nna mu bebree;

na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.

7Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa.

Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban.

8Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa

na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help