Yesaia 43 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Israel Agyenkwa Korɔ

1Na afei, sei na Awurade seɛ,

deɛ ɔbɔɔ woɔ, Ao Yakob

deɛ ɔnwonoo woɔ, Ao Israel;

“Nsuro na magye wo;

mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.

2Sɛ wofa nsuo mu a,

mɛka wo ho;

na sɛ wotwa nsubɔntene no a,

ɛremmu mfa wo so.

Sɛ wonante ogya no mu a,

worenhye;

ogyaframa no renhye wo.

3Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,

Israel Kronkronni, wo Agyenkwa.

Mede Misraim yɛ mpata ma wo

na mede Kus ne Seba si wʼananmu mu.

4Sɛ wo som bo ma me na wowɔ animuonyam wɔ mʼanim

na medɔ wo enti,

mede nnipa bɛsesa wo,

na mede nkurɔfoɔ asesa wo nkwa.

5Nsuro, ɛfiri sɛ, meka mo ho;

mede wo mma bɛfiri apueeɛ fam aba

na maboa wɔn ano afiri atɔeɛ fam.

6Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Monnyaa wɔn!’

ne anafoɔ fam sɛ, ‘Monnye wɔn ntena ha.’

Momfa me mmammarima mfiri akyirikyiri mmra

na me mmammaa mfiri asase ano mmra,

7obiara a me din da no so,

deɛ mebɔɔ no de hyɛɛ me ho animuonyam,

deɛ menwenee no na meyɛɛ no.”

8Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ

wɔn a wɔwɔ aso nanso asisi no mmra.

9Aman no nyinaa boa wɔn ho ano

na nnipa no hyia mu.

Wɔn mu hwan na ɔkaa yei firii ahyɛaseɛ

na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn?

Ma wɔmmfa wɔn adansefoɔ mmra mmɛdi adanseɛ sɛ wɔdi bem,

sɛdeɛ afoforɔ bɛte na wɔaka sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ.”

10“Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,”

sei na Awurade seɛ,

“sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie

na moate aseɛ sɛ me ne no.

Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim,

na mʼakyi nso obiara remma.

11Me, Me ara, Mene Awurade,

na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.

12Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ,

Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.

Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn.

13Aane, na ɛfiri teteete no mene no.

Obiara rentumi nye mfiri me nsa mu

sɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?”

Onyankopɔn Ahummɔborɔ Ne Israel Hwammɔdie

14Sei na Awurade seɛ,

wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:

“Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia,

na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ,

wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.

15Mene Awurade, wo Kronkronni no,

Israel Yɛfoɔ, wo Ɔhene.”

16Yei na Awurade seɛ,

deɛ ɔbɔɔ ɛkwan wɔ ɛpo mu,

ɛkwan a ɛda nsubunu mu,

17deɛ ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ,

akodɔm ne ne nkekahoɔ nyinaa,

na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio;

wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntoma:

18“Momma mo werɛ mfiri kane nneɛma no

monntɔ nkɔ deɛ atwam no so.

19Hwɛ, mereyɛ adeɛ foforɔ!

Seesei, ɛrepue, na monhunu anaa?

Merebɔ ɛkwan afa anweatam so

na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wesee so.

20Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me animuonyam,

adompo ne apatuo,

ɛfiri sɛ mema nsuo wɔ anweatam so

ne nsuwansuwa wɔ asase wesee so

de ma me nkurɔfoɔ, wɔn a mapa wɔn no nsuo,

21nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho

sɛ wɔmpae mu nka mʼayɛyie.

22“Nanso, womfrɛɛ me, Ao Yakob,

wonhaa wo ho wɔ me ho, Ao Israel.

23Momfaa nnwan mmrɛɛ me sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ,

na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me animuonyam nso.

Memmaa aduane afɔdeɛ nyɛɛ mo adesoa

na memfaa nnuhwamgyeɛ nhaa mo.

24Montɔɔ nnuhwam mmrɛɛ me,

na mommaa mo afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ mmuu me so.

Mmom, mode mo bɔne asoa me

na mode mo mfomsoɔ ho haw abɛtɔ me so.

25“Me, me ara, mene deɛ ɔpepa

mo bɔne, me enti,

na menkae mo amumuyɛ bio.

26Monhwehwɛ deɛ atwam no mu bio mma me,

momma yɛmmɔ mu ntonto adwene wɔ asɛm no ho;

ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wonni fɔ no.

27Mo agya a ɔdii ɛkan no yɛɛ bɔne;

mo kasamafoɔ tee mʼanim atua.

28Enti magu mo asɔredan mu atitire anim ase,

na mede Yakob ama ɔsɛeɛ,

na mede Israel ama ahɔhora.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help