3 Mose 6 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Bɔne A Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Afɔdie Afɔdeɛ

1Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2“Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔmpɛ sɛ ɔsane de biribi a wɔde ama no asie kɔto baabi a ɛda anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaa ɔsisi ne yɔnko,

3anaa ɔtu ahunu na ɔka ntam sane wɔ ho sɛ dekodeɛ no nni ne nkyɛn a,

4sɛ obi yɛ bɔne na ɔdi ho fɔ a, ɔbɛsane de ne korɔnodeɛ no anaa ne tintinnyɛdeɛ anaa deɛ wɔde maa no sieeɛ anaa agyapadeɛ a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa adeɛ a ayera no aba.

5Biribiara a waka ho ntanhunu no nso, ɔbɛsane de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ne dea no, ɛda a ɔrebɔ afɔdie ho afɔdeɛ no.

6Nʼafɔdie ho afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ odwennini a ɔnni dɛm. Ɛsɛ sɛ ɔdi ɛboɔ biara a wɔbɛbɔ no no. Ɔde no bɛma ɔsɔfoɔ

7na ɔsɔfoɔ no de no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.”

8Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

9“Fa saa mmara a ɛfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ho yi ma Aaron ne ne mmammarima. ‘Wɔbɛgya ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa a afɔrebukyia ogya no gu so rehye.

10Adeɛ kye a, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ nʼasɔfotadeɛ nahanaha wɔ aseɛ na wahyɛ atadetam korɔ no ara bi ngugusoɔ na wakɔpra ɔhyeɛ afɔdeɛ nsõ no de agu afɔrebukyia no nkyɛn.

11Afei, ɔbɛsesa ne ntadeɛ no na wasoa nsõ no afiri beaeɛ hɔ de akɔgu beaeɛ foforɔ a wɔate hɔ no.

12Saa ɛberɛ yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum. Anɔpa biara ɔsɔfoɔ no de ogya foforɔ bɛhyɛ mu na ɔde ɛda biara ɔhyeɛ afɔdeɛ agu so, na wahye sradeɛ a wɔde bɔ ɛda biara asomdwoeɛ afɔdeɛ no.

13Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara ogya no kɔ so dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum.

14“ ‘Atokoɔ afɔdeɛ ho mmara nso nie: Aaron mmammarima bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔde atokoɔ afɔrebɔ no ama Awurade.

15Ɔsɔfoɔ no bɛsa asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsabuo ma na ɔde ngo ne aduhwam afra ahye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ ananmusideɛ ama Awurade; na Awurade ani bɛsɔ.

16Ɔsa ne nsabuo ma wie a, deɛ ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmammarima dea a wɔbɛdie. Wɔbɛdi a wɔremfa mmɔreka mfra wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ.

17Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔreka mfra mu. Mede saa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfoɔ no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdie ho afɔrebɔ enti, ɛyɛ kronkron.

18Aaron asefoɔ mmarima ne asɔfoɔ na wɔnni mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Nanso asɔfoɔ no nko ara na wɔnni afɔrebɔdeɛ a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no.’ ”

19Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

20“Ɛda a wɔbɛsra Aaron ne ne mmammarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam lita mmienu ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummerɛ.

21Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dadeɛ apaawa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yie na wɔde brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a ɛsɔ nʼani yie.

22Ɔsɔfoɔ a ɔfiri Aaron mmammarima mu a wɔrehyɛ no ɔsɔfoɔ ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛdeɛ wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhye ne nyinaa no.

23Ɔsɔfoɔ biara atokoɔ afɔdeɛ a ɔbɛbɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhye ne nyinaa. Ɛnsɛ sɛ wɔdi.”

24Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

25“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara nie: Saa afɔrebɔdeɛ yi ho yɛ kronkron yie enti ɛsɛ sɛ wɔkum no Awurade anim wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ no.

26Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔdeɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ.

27Wɔn a wɔate wɔn ho a wɔyɛ asɔfoɔ nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka ɛnam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntadeɛ mu a, ɛsɛ sɛ wɔsi ntadeɛ no wɔ beaeɛ a wɔate ho hɔ.

28Kukuo a wɔnoaa ɛnam no wɔ mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wɔtwi mu, na wɔde nsuo hohoro mu nyinaa yie.

29Ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu no bɛdi afɔrebɔdeɛ no bi—wɔn nko ara—ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron yie.

30Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ no mogya no bi kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ de kɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfoɔ biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hye aboa no nyinaa wɔ Awurade anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help