Nehemia Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuNehemia Nwoma no fa ɔhaw bi a ɛhyɛɛ Nehemia awerɛhoɔ ma ɔtuu ho anammɔn.Ɔtee sɛ Yerusalem ɔfasuo nyinaa abubu enti ɔsrɛɛ Ɔhene Artasasta kwan, na ɔpenee so maa no tumi nwoma de kɔɔ Yerusalem.Ɔboaboaa adwumayɛfoɔ no ano akuakuo de wɔn sisii ɔfasuo no ano sɛdeɛ ɛfata ekuo biara.Ɛwɔ mu sɛ Sambalat, Tobia ne afoforɔ binom sɔre tiaa wɔn dwumadie no, nanso Nehemia ne adwumayɛfoɔ no de mpaeɛbɔ, nkuranhyɛ ne ɔwɛn dii wɔn atamfoɔ no so (Ti 4). Wɔgyinaa wɔn nan so de nnafua 52 wiee ɔfasuo no toɔ. Nwoma no mu asɛm titire a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nso ne to a Nehemia de ne ho too Onyankopɔn so korakora bɔɔ no mpaeɛ daa.Emu NsɛmWɔsane Si Ɔfasuo No (1.1–7.13)1. Ɛsra kenkan mmaransɛm hyɛ apam no mu den (8.1–10.39)2. Nehemia sisi gyinaeɛ ahodoɔ (11.1–13.31)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help