Hosea 13 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Awurade

Abufuo A Ɛtia Israel

1Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo;

wɔpagyaa no wɔ Israelman mu.

Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ.

2Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara;

wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho,

nsɛsodeɛ no nyinaa no.

Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ.

Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ,

“Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ

na wɔfe anantwie mma ahoni ano.”

3Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum

sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera,

sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea

sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ.

4“Nanso mene Awurade wo Onyankopɔn,

a meyii wo firii Misraim.

Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me,

anaa Ɔgyefoɔ biara sɛ me.

5Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so,

asase a ɛso yɛ hye yie no so.

6Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ;

wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan;

na wɔn werɛ firii me.

7Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata,

mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.

8Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu

te sɛ sisire bi a wɔawia ne mma.

Mɛwe wɔn te sɛ gyata;

wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu.

9“Wɔasɛe wo, Ao Israel,

ɛfiri sɛ woasɔre atia me,

me a meyɛ wo ɔboafoɔ.

10Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he?

Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he,

wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ,

‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

11Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene,

na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ.

12Efraim afɔdie no wɔaboaboa ano

wɔatwerɛ ne bɔne agu hɔ.

13Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ,

na abɔfra no nnim nyansa nti;

sɛ berɛ no duru a,

ɔmma awotwaa no ano.

14“Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu.

Mɛgye wɔn afiri owuo nsam.

Owuo wo nwowɔeɛ wɔ he?

Asaman wo sɛeɛ wɔ he?

“Merennya ayamhyehyeɛ,

15mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a.

Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade hɔ bɛba,

ɛbɛbɔ afiri anweatam so;

osuo rentɔ osutɔberɛ

na nʼabura bɛwe.

Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma

deɛ ɛsom bo no nyinaa.

16Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu,

ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn.

Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano;

wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam,

wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help