1Sɛ wokɔ Onyankopɔn fie a, hwɛ wʼanammɔntuo yie. Bɛn no na tie no sene sɛ wobɛbɔ nkwaseafoɔ afɔdeɛ, wɔn a wɔnnim mfomsoɔ a wɔyɛ no.
2Mpɛ ntɛm nkasa,
mma wʼakoma ho mpere no
sɛ ɔbɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim.
Onyankopɔn te ɔsoro
na wo deɛ, wo wɔ asase so,
enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.
3Sɛdeɛ adaeɛsoɔ firi adwendwene bebree mu ba no,
saa ara na ɔkwasea kasa tentene teɛ.
4Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Ɔnni anigyeɛ wɔ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so.
5Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a, ɛyɛ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so.
6Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu ɔsomfoɔ sɛ, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomsoɔ.” Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fu deɛ woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?
7Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.
Ahonya Yɛ Ahuhudeɛ8Sɛ wohunu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntenenee ne ahofadie abɔ no a, mma yeinom nyɛ wo nwanwa ɛfiri sɛ, deɛ ɔso sene no hwɛ ne so, na deɛ ɔso sene wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so.
9Asase no so siadeɛ wɔ ɛso nnipa nyinaa, na ɔhene no ankasa na ɔnya mfuo no so mfasodeɛ.
10Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da;
na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya.
Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
11Adetɔndeɛ bu so a,
saa ara na atɔfoɔ no nso dɔɔso.
Na mfasoɔ bɛn na deɛ ɛwɔ noɔ no nya
sene sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?
12Ɔpaani da ma nʼani kum,
sɛ wadidi amee anaasɛ wammee,
nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti
ɔntumi nna.
13Ɔhaw kɛseɛ bi a mahunu no wɔ owia yi ase nie:
sɛ wɔboaboa ahonyadeɛ ano de ha ne wura,
14anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ wɔ amanehunu mu a enti
sɛ ɔnya ɔbabarima bi a
hwee nni hɔ a wɔde bɛgya no.
15Adagya na onipa de firi ne maame yafunu mu baeɛ,
na sɛdeɛ ɔbaeɛ no, saa ara na ɔbɛkorɔ.
Ɔmmfa nʼadwumayɛ so mfasodeɛ biara a
ɔbɛtumi akuta wɔ ne nsa mu nkɔ.
16Yei nso yɛ ɔhaw kɛseɛ:
Sɛdeɛ onipa ba no, saa ara na ɔkorɔ,
na mfasoɔ bɛn na ɔnya
wɔ ɛberɛ a ɔyɛ adwuma ma mframa?
17Ne nna nyinaa mu no, ɔdidi a, nʼanom nyɛ no dɛ
ɛfiri sɛ abamubuo, ateeteeɛ ne abufuo wɔ no so.
18Afei mehunuu sɛ ɛyɛ ma onipa sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmerɛ kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, ɛfiri sɛ yei ne ne kyɛfa.
19Deɛ ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyadeɛ ne adenya, na ɔnya ahotɔ, de anigyeɛ yɛ nʼadwuma, na ɔhunu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.
20Ɔnntaa ntena ase nnwene ne nkwa nna ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de akoma mu anigyeɛ ama no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.