1“Sɛ wobɛsane wʼakyi a Ao, Israel,
sane bra me nkyɛn,”
sei na Awurade seɛ.
“Sɛ woyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ firi mʼani so
na sɛ woammane bio,
2na sɛ, nokorɛ, pɛyɛ ne tenenee mu
woka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ a
afei mobɛyɛ nhyira ama aman no
na ne mu na wɔbɛnya animuonyam.”
3Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:
“Monsiesie mo asase a wɔmfuntum da
na monnnua wɔ nkasɛɛ mu.
4Montwitwa mo ho twetia mma Awurade
montwitwa mo akoma twetia,
mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ,
anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na adɛre sɛ ogya.
Mo bɔne a moayɛ enti,
ɛbɛhye a obiara rennum.”
Amanehunu A Ɛfiri Atifi Fam5“Bɔ nkaeɛ wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem sɛ,
‘Hyɛn totorobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’
Team denden sɛ:
‘Mommoaboa mo ho ano!
Momma yɛn nnwane nkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no so!’
6Momma frankaa so na monkɔ Sion
monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!
Ɛfiri sɛ mede amanehunu firi atifi fam reba,
ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu.”
7Gyata bi afiri ne tu mu;
ɔbɔaman bi asi mu.
Wafiri ne tenabea
sɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.
Wo nkuro bɛbubu
na ada mpan.
8Enti fira ayitoma,
di awerɛhoɔ na twa adwo,
ɛfiri sɛ Awurade abufuhyeɛ no
nnane mfirii yɛn so.
9“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ,
“ɔhene no ne adwumayɛfoɔ no bɛbɔ hu,
asɔfoɔ no bo bɛtu,
na adiyifoɔ no ho bɛdwiri wɔn.”
10Afei, mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem. Wokaa sɛ, ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’ wɔ ɛberɛ a akofena da yɛn mene mu.”
11Saa ɛberɛ no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem sɛ, “Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛbɔ afiri nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam so aba me nkurɔfoɔ so, ɛnyɛ deɛ ɛpɔ ho anaa ɛhuhu soɔ;
12mframa a ano yɛ den boro saa no firi me nkyɛn. Afei, mepae mu ka mʼatemmuo a ɛtia wɔn.”
13Hwɛ! Ɔreba sɛ omununkum,
ne nteaseɛnam reba sɛ, ntwahoframa,
nʼapɔnkɔ ho yɛ herɛ sene akɔdeɛ.
Yɛnnue! Yɛawu!
14Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa.
Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn?
15Ɛnne bi rebɔ kaseɛ firi Dan,
ɛrebɔ amanehunu ho dawuro firi Efraim nkokoɔ so.
16“Monka yei nkyerɛ aman no,
mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem sɛ,
‘Atuafoɔ dɔm firi akyirikyiri asase bi so reba,
wɔma ɔko nteamu so de tia Yuda nkuropɔn.
17Wɔtwa kuropɔn no ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuo,
ɛfiri sɛ me nkurɔfoɔ ate me so atua,’ ”
sei na Awurade seɛ.
18“Wʼankasa abrabɔ ne nneyɛeɛ
na ɛde yei aba wo so.
Yei yɛ wʼasotwe.
Ɛyɛ nwono!
Ɛwowɔ akoma!”
19Ao mʼahoyera, mʼahoyera!
Mede ɔyea nukanuka me mu.
Ao mʼakoma ɔyeadie!
Mʼakoma bɔ paripari wɔ me mu,
mentumi nyɛ komm.
Ɛfiri sɛ, mate totorobɛnto no nnyegyeɛ;
mate ɔko frɛ no.
20Amanehunu di amanehunu akyi;
asase no nyinaa asɛe.
Wɔasɛe me ntomadan prɛko pɛ,
ne me hintabea mpofirim.
21Ɛsɛ sɛ mehwɛ ɔko frankaa no
na metie totorobɛnto no nnyegyeeɛ kɔsi da bɛn?
22“Me nkurɔfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;
wɔnnim me.
Wɔyɛ mma a wɔnni adwen;
wɔnte hwee ase.
Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa;
na wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ papa.”
23Mehwɛeɛ asase no,
na ɛnni bɔbea na hwee nni so;
mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ.
24Mehwɛeɛ mmepɔ no,
na wɔrewosowoso,
na nkokoɔ no nyinaa rehinhim.
25Mehwɛeɛ, na nnipa nni hɔ;
ewiem anomaa biara atu kɔ.
26Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatam
na ne nkuro nyinaa asɛe
wɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim.
27Sei na Awurade seɛ:
“Wɔbɛsɛe asase no nyinaa,
mmom merensɛe no korakora.
28Enti asase bɛdi awerɛhoɔ
na ɔsorosoro bɛduru sum,
ɛfiri sɛ makasa na merentwe nsan.
Masi gyinaeɛ na mennane no.”
29Apɔnkɔsotefoɔ ne agyantofoɔ nnyegyeeɛ
ma kuro biara sofoɔ dwane.
Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ mu
ebinom foro kɔ abotan mu.
Nkuro no nyinaa so ada mpan;
na obiara nte so.
30Ɛdeɛn na woreyɛ Ao wo a woasɛe woɔ?
Adɛn na wofira kɔben
de sikakɔkɔɔ agudeɛ asiesie wo ho?
Adɛn na wode nnuro keka wʼani?
Wohyehyɛ wo ho kwa.
Wʼadɔfoɔ bu wo animtia;
wɔrepɛ wo akum wo.
31Mete osu bi te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,
mete apinisie te sɛ ɔbaa a ɔrebɔne awoɔ,
Ɔbabaa Sion su te sɛ deɛ nisupɔporɔ ahini no,
ɔtrɛ ne nsa mu na ɔka sɛ,
“Afei deɛ, meretɔ baha;
wɔde me kra ama awudifoɔ.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.