Nnwom 24 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 24Dawid dwom.

1Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea;

ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no;

2ɛfiri sɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo so

na ɔde sii nsuo ani.

3Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no?

Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?

4Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ,

deɛ ne kra nni ahoni akyi

na ɔnnka ntanhunu.

5Ɔbɛnya Awurade nsam nhyira

ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn.

6Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ,

wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn.

7Mo apono, mommuebue

mommuebue, mo tete apono,

na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu.

8Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi?

Ɔno ne Awurade ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no;

Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ.

9Mommuebue, Ao mo apono

mommuebue, mo tete apono,

na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu.

10Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi?

Asafo Awurade no,

ɔno ne animuonyam Ɔhene no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help