Nnwom 90 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NWOMA A ƐTƆ SO NNAN Nnwom 90–106Dwom 90Onyankopɔn onipa Mose mpaeɛbɔ.

1Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea

awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

2Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ

anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no,

na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.

3Woma adasamma sane dane mfuturo,

ka sɛ, “Ao adasamma, monsane nkɔ mfuturo mu.”

4Mfirinhyia apem yɛ wʼani so sɛ

da koro a abɛsene seesei,

anaasɛ anadwo mu dɔnhwereɛ kakraa bi.

5Wopra nnipa kɔ, wɔ owuo nna mu;

wɔte sɛ ɛserɛ a afefɛ anɔpa,

6ɛfefɛ yɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ,

nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam.

7Yɛresa wɔ wʼabofuo ano

na wʼanibereɛ abɔ yɛn hu.

8Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim,

na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu.

9Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu;

na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ.

10Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson,

anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;

na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,

na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ.

11Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi?

Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ.

12Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,

na yɛanya nyansa akoma.

13Sane bra, Ao Awurade, ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn?

Hunu wʼasomfoɔ mmɔbɔ.

14Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mmee yɛn adekyeɛ mu,

na yɛde anigyeɛ ato dwom adi ahurisie yɛn nna nyinaa mu.

15Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodoɔ a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no,

sɛ mfirinhyia dodoɔ a yɛhunuu ateeteeɛ no.

16Ma wʼasomfoɔ nhunu wo nneyɛɛ

na wɔn mma nhunu wʼanimuonyam.

17Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so;

na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn

aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help