1Nnome nka nhwiren abotire a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no,
nka nhwiren a ɛrepa a nʼahoɔfɛ wɔ animuonyam ma Israelfoɔ
na ɛda asase bereɛ bɔnhwa so.
Nnome nka kuropɔn no, deɛ nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.
2Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden.
Ɔte sɛ asukɔtweaa ne mframa a ɛsɛe adeɛ.
Ɔte sɛ osutɔ a ɛne mframa nam, ne osubrane a ɛhyɛ nsuka ma.
Ɔbɛto no ahwe fam ahoɔden so.
3Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no,
wɔbɛtiatia so.
4Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mu
deɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no,
ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru.
Sɛ obi hunu na ɔte a
ɔdi no ntɛm so.
5Saa ɛda no Asafo Awurade
bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ,
nhwiren abotire fɛfɛ
ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no.
6Ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom
ama ɔtemmufoɔ a wɔte adwa mu.
Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae
ama wɔn a wɔpam atamfoɔ wɔ nkuro apono ano.
7Nanso seesei deɛ, asabofoɔ na wɔdi Israel so,
na nsaden ma wɔhinhim;
nsaden ma asɔfoɔ ne adiyifoɔ tɔ ntentan
na nsã ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ;
na wɔhinhim.
Wɔtɔ ntentan ɛberɛ a wɔrenya anisoadehunu,
na wɔn ano fonfom wɔ adwenkyerɛ mu.
8Ɛfeɛ agugu apono nyinaa so,
na baabiara ayɛ efi.
9Wɔka sɛ, “Deɛn na Awurade dwene fa yɛn ho?
Ɔdwen sɛ yɛyɛ mmɔfra anaa?
Mmɔfra a wɔatwa wɔn nufoɔ anaa?
10Ɔkasa bebree:
Ɔka yei, na waka yei
ɔma mmara foforɔ akyi mmara;
ɔkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra.”
11Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔ
na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi.
12Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
“Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome;
ahodwobea nso nie,”
nanso wɔantie no.
13Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio:
Ɔbɛka yei, na waka yei,
ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara;
ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra,
na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi;
wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn.
14Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ
a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem.
15Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam,
yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛ
sɛ asotwe a ano yɛ den ba a,
ɛrentumi nka yɛn,
ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea
ne nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.”
16Enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,
“Hwɛ! Mede ɛboɔ bi retim Sion,
ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ,
tweatiboɔ a ɛsom bo ma fapem a ɛyɛ den;
deɛ ɔde ne ho to soɔ no abasa mu rentu.
17Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma
na teneneeyɛ ayɛ ɔfasuo kyirebennyɛ susuhoma.
Asukɔtweaa bɛsɛe wo dwanekɔbea, a ɛyɛ atorɔ no,
na nsuo abɛkata wʼatɛeɛ hɔ.
18Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu;
nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina.
Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a,
ɛbɛtwi afa mo so.
19Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ;
anɔpa, awia ne anadwo biara,
ɛbɛfa mu akɔ.”
Saa nkra yi nteaseɛ
de ehu bɛba.
20Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so.
Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata.
21 Awurade bɛsɔre sɛdeɛ ɔsɔree wɔ Perasim bepɔ so no.
Ɔbɛkanyane ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bɔnhwa mu no
yɛɛ nʼadwuma nwanwasoɔ no,
na ɔdii dwumadie a ebi mmaa da no.
22Afei gyae wo fɛdie no,
anyɛ saa a, wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru;
Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me
ɔsɛeɛ ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
23Montie na monte me nne;
monwɛn mo aso na montie deɛ meka.
24Sɛ okuafoɔ funtum asase sɛ ɔrebɛdua so a, ɔyɛ no daa anaa?
Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no anaa?
25Sɛ ɔsiesie asase no ani a,
ɔnnua ɛme, na ɔmpete tɛtɛ wɔ so anaa?
Ɔnnua ayuo ne atokoɔ mu biara wɔ nʼafa anaa?
26Ne Onyankopɔn ma no akwankyerɛ
na ɔkyerɛ no ɛkwan pa no.
27Wɔmfa asaeɛ mpɔ ɛme ho,
wɔmfa teaseɛnam hankra mfa tɛtɛ so;
wɔde poma na ɛboro ɛme,
na wɔde abaa aboro tɛtɛ.
28Wɔyam aburoo de to burodo
enti obi nnkɔ so nyam a ɔnwie da.
Ɛwom sɛ ɔde nʼayuporeɛ teaseɛnam hankra fa so deɛ,
nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.
29Yeinom nyinaa firi Asafo Awurade,
afutuo mu nwanwani,
na ne nyansa boro so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.