1 Korintofoɔ 10 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Ahoni Ho Kɔkɔbɔ

1Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu.

2Omununkum no ne Ɛpo no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifoɔ.

3Wɔn nyinaa dii honhom fam aduane

4na wɔnom honhom fam anonneɛ. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsuo; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa.

5Yeinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ ɛserɛ no so hɔ no.

6Seesei, yeinom nyinaa yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ bɔne sɛdeɛ wɔyɛeɛ no,

7ɛnna ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wɔgoroo abosomgorɔ.”

8Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ adwaman, sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no na da koro wɔn mu ɔpeduonumiɛnsa wuwuiɛ no.

9Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no maa awɔ kekaa wɔn kunkumm wɔn no.

10Ɛnsɛ sɛ monwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ maa ɔsɛe ɔbɔfoɔ sɛee wɔn no.

11Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri sɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛre na ɛberɛ no aba awieeɛ.

12Obiara a ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase.

13Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso.

Morentumi Nhwɛ Afanu No

14Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho.

15Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa.

16Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no anaa? Burodo a yɛbubu mu no nso, sɛ yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo onipadua ayɔnkoyɛ anaa?

17Esiane sɛ burodo no yɛ baako na yɛdi no wɔ ɔhonam korɔ mu enti, ɛwom sɛ yɛ dɔɔso deɛ, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako.

18Monhwɛ Israelman. Wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no ne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ.

19Mebisa sɛ, afɔrebɔdeɛ a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi?

20Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ wɔ ɔbosonsomni afɔrebukyia so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyɛnehyɛne ahonhommɔne.

21Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsane nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade ɛpono so na monsane nnidi wɔ ahonhommɔne ɛpono nso so.

22Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛgye di sɛ yɛyɛ den sene no anaa?

23Wɔka sɛ, “Woama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. “Wɔama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn.

24Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiedie na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforɔ nso yiedie.

25Adwenemdahɔ enti motumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ dwa so di a mommisa ho asɛm biara.

26Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”

27Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, adwenemdahɔ enti, aduane a ɔde bɛma wo biara, di a wommisa ho asɛm biara.

28Nanso, sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ, “Wɔde saa aduane yi maa ahoni” a, ɛsiane deɛ ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwenemdahɔ enti, nni saa aduane no.

29Ɛno nyɛ wʼadwene, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwene. Obi bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na obi adwene si mʼahofadie ho ɛkwan?

30Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduane ho a, adɛn enti na aduane a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”

31Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

32Monnyɛ biribiara mfa nha Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ anaa Onyankopɔn asafo.

33Monyɛ sɛdeɛ meyɛ no. Mema obiara ani gye deɛ meyɛ ho a mennwene mʼankasa me yiedie ho, na mmom, medwene yɛn nyinaa yiedie ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help